Native Bible

Ezekiel 27:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no woboaa aman bebree; Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

Ezekiel 27:33 in English

Ezekiel 27:33 · Berean Standard Bible

When your wares went out to sea, you satisfied many nations. You enriched the kings of the earth with your abundant wealth and merchandise.

Context

31Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa na wɔafirafira ayitoma. Wɔde ɔkra mu ahoyera ne awerɛhoɔ a emu yɛ den bɛgyam wo. 32Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no, wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ: “Hwan na wama no atɔre mumu te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?” 33Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no woboaa aman bebree; Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. 34Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete wɔ nsuo no bunu mu wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa ne wo amem kɔ nsuo ase. 35Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.