Hesekiel 27:34
Ezekiel 27:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete wɔ nsuo no bunu mu wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa ne wo amem kɔ nsuo ase.
Ezekiel 27:34 in English
Ezekiel 27:34 · Berean Standard Bible
Now you are shattered by the seas in the depths of the waters; your merchandise and the people among you have gone down with you.
Context
32Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,
wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ:
“Hwan na wama no atɔre mumu
te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?” 33Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no
woboaa aman bebree;
Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ
maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. 34Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete
wɔ nsuo no bunu mu
wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa
ne wo amem kɔ nsuo ase. 35Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa
ho adwiri wɔn wɔ wo ho;
ehu ma wɔn ahemfo ho popo
na wɔn anim sinsiam. 36Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so
woaba awieeɛ a ɛyɛ hu
na wɔrenhunu wo bio.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.