Hesekiel 21:30
Ezekiel 21:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ wɔ wo nananom asase so, mɛbu wo atɛn.
Ezekiel 21:30 in English
Ezekiel 21:30 · Berean Standard Bible
Return the sword to its sheath! In the place where you were created, in the land of your origin, I will judge you.
Context
28“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho:
“ ‘Akofena bi, akofena bi,
wɔatwe ama akunkumakunkum,
wɔatwi ho sɛ ɛnni nam
na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! 29Atorɔ anisoadehunu
ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no
wɔde bɛto wɔn kɔn mu
amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no
wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ,
ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no
aduru ne mponponsoɔ no. 30“ ‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu
wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ
wɔ wo nananom asase so,
mɛbu wo atɛn. 31Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so
na mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo;
Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa,
wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa. 32Wobɛyɛ nnyensin ama ogya,
wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,
na wɔrenkae wo bio;
me Awurade na makasa.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.