Native Bible

Ezekiel 21:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no wɔde bɛto wɔn kɔn mu amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ, ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no aduru ne mponponsoɔ no.

Ezekiel 21:29 in English

Ezekiel 21:29 · Berean Standard Bible

while they offer false visions for you and lying divinations about you— to be placed on the necks of the wicked who are slain, whose day has come, the time of their final punishment.

Context

27Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’ 28“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho: “ ‘Akofena bi, akofena bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! 29Atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no wɔde bɛto wɔn kɔn mu amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ, ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no aduru ne mponponsoɔ no. 30“ ‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ wɔ wo nananom asase so, mɛbu wo atɛn. 31Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so na mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo; Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa, wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.