Hesekiel 21:27
Ezekiel 21:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’
Ezekiel 21:27 in English
Ezekiel 21:27 · Berean Standard Bible
A ruin, a ruin, I will make it a ruin! And it will not be restored until the arrival of Him to whom it belongs, to whom I have assigned the right of judgment.*’
Context
25“ ‘Wo, Israel heneba otirimuɔdenfoɔ a wo ɛda aduru. Wo a wo asotwe berɛ aduru ne mpɔnpɔnsoɔ, 26yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Tu abɔtiten no, yi ahenkyɛ no. Ɛrenyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no: Wɔbɛpagya deɛ abrɛ ase, na deɛ ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. 27Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’ 28“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho:
“ ‘Akofena bi, akofena bi,
wɔatwe ama akunkumakunkum,
wɔatwi ho sɛ ɛnni nam
na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! 29Atorɔ anisoadehunu
ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no
wɔde bɛto wɔn kɔn mu
amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no
wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ,
ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no
aduru ne mponponsoɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.