Hesekiel 18:9
Ezekiel 18:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa Awurade asɛm nie.
Ezekiel 18:9 in English
Ezekiel 18:9 · Berean Standard Bible
He follows My statutes and faithfully keeps My ordinances. That man is righteous; surely he will live, declares the Lord GOD.
Context
7Ɔnhyɛ obiara so,
na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no.
Ɔmmɔ korɔno
mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no
na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. 8Ɔmmɔ bosea nye nsiho
na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ.
Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho
na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee. 9Ɔdi mʼahyɛdeɛ so
na ɔdi me mmara so nokorɛm.
Saa onipa no na ɔtene;
na ampa ara ɔbɛnya nkwa
Awurade asɛm nie. 10“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a ɔdi akakabensɛm na ɔhwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a 11(bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da):
“Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu.
Ɔgu ne yɔnko yere ho fi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.