Native Bible

Ezekiel 18:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

(bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da): “Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu. Ɔgu ne yɔnko yere ho fi.

Ezekiel 18:11 in English

Ezekiel 18:11 · Berean Standard Bible

though the father has done none of them: Indeed, the son eats at the mountain and defiles his neighbor’s wife.

Context

9Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa Awurade asɛm nie. 10“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a ɔdi akakabensɛm na ɔhwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a 11(bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da): “Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu. Ɔgu ne yɔnko yere ho fi. 12Ɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so. Ɔbɔ korɔno. Ɔmmfa boseagyeni awowasideɛ mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwadeɛ. 13Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ. Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.