Hesekiel 18:13
Ezekiel 18:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ. Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so.
Ezekiel 18:13 in English
Ezekiel 18:13 · Berean Standard Bible
He engages in usury and takes excess interest. Will this son live? He will not! Since he has committed all these abominations, he will surely die; his blood will be on his own head.
Context
11(bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da):
“Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu.
Ɔgu ne yɔnko yere ho fi. 12Ɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so.
Ɔbɔ korɔno.
Ɔmmfa boseagyeni awowasideɛ mma no.
Ɔde ne ho to abosom so.
Ɔyɛ akyiwadeɛ. 13Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ.
Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. 14“Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ɔhunu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnnyɛ saa nneɛma no bi: 15“Ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu
na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israel efie so.
Ɔngu ne yɔnko yere ho fi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.