Native Bible

Ezekiel 18:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔmmɔ bosea nye nsiho na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ. Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee.

Ezekiel 18:8 in English

Ezekiel 18:8 · Berean Standard Bible

He does not engage in usury or take excess interest, but he withholds his hand from iniquity and executes true justice between men.

Context

6ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna. 7Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no. Ɔmmɔ korɔno mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. 8Ɔmmɔ bosea nye nsiho na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ. Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee. 9Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa Awurade asɛm nie. 10“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a ɔdi akakabensɛm na ɔhwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.