Hesekiel 18:7
Ezekiel 18:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no. Ɔmmɔ korɔno mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.
Ezekiel 18:7 in English
Ezekiel 18:7 · Berean Standard Bible
He does not oppress another, but restores the pledge to the debtor. He does not commit robbery, but gives his bread to the hungry and covers the naked with clothing.
Context
5“Sɛ ɛba sɛ onipa tenenee bi wɔ hɔ a
ɔyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ; 6ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu
na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie.
Ɔngu ne yɔnko yere ho fi
na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna. 7Ɔnhyɛ obiara so,
na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no.
Ɔmmɔ korɔno
mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no
na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. 8Ɔmmɔ bosea nye nsiho
na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ.
Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho
na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee. 9Ɔdi mʼahyɛdeɛ so
na ɔdi me mmara so nokorɛm.
Saa onipa no na ɔtene;
na ampa ara ɔbɛnya nkwa
Awurade asɛm nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.