Native Bible

Exodus 15:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ehu ne suro afa wɔn so. Ao, Awurade, wo tumi enti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.

Exodus 15:16 in English

Exodus 15:16 · Berean Standard Bible

and terror and dread will fall on them. By the power of Your arm they will be as still as a stone until Your people pass by, O LORD, until the people You have bought pass by.

Context

14Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ. Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia. 15Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn. Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso. Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa. 16Ehu ne suro afa wɔn so. Ao, Awurade, wo tumi enti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu. 17Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn wɔ wo bepɔ so, wo ara wo efie hɔ, Awurade— Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no. 18“Awurade bɛdi ɔhene akɔsi daa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.