2 Mose 15:14
Exodus 15:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ. Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia.
Exodus 15:14 in English
Exodus 15:14 · Berean Standard Bible
The nations will hear and tremble; anguish will grip the dwellers of Philistia.
Context
12“Wotenee wo nsa nifa
na asase menee wɔn. 13Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim,
wʼayamyɛ mu.
Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim
de wɔn aba wʼasase kronkron no so. 14Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ.
Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia. 15Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn.
Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso.
Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa. 16Ehu ne suro afa wɔn so.
Ao, Awurade, wo tumi enti,
wɔremma yɛn so!
Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn
bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.