Ɔsɛnkafoɔ 5:14
Ecclesiastes 5:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti sɛ ɔnya ɔbabarima bi a hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no.
Ecclesiastes 5:14 in English
Ecclesiastes 5:14 · Berean Standard Bible
or wealth lost in a failed venture, so when that man has a son there is nothing to pass on.
Context
12Ɔpaani da ma nʼani kum,
sɛ wadidi amee anaasɛ wammee,
nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti
ɔntumi nna. 13Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no wɔ owia yi ase nie:
sɛ wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura, 14anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti
sɛ ɔnya ɔbabarima bi a
hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no. 15Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ,
na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ.
Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a
ɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ. 16Yei nso yɛ ɔhaw kɛseɛ:
Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ,
na mfasoɔ bɛn na ɔnya
wɔ ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.