Native Bible

Ecclesiastes 5:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee anaasɛ wammee, nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti ɔntumi nna.

Ecclesiastes 5:12 in English

Ecclesiastes 5:12 · Berean Standard Bible

The sleep of the worker is sweet, whether he eats little or much, but the abundance of the rich man permits him no sleep.

Context

10Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da; na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. 11Adetɔndeɛ bu so a, saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso. Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya sene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ? 12Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee anaasɛ wammee, nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti ɔntumi nna. 13Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no wɔ owia yi ase nie: sɛ wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura, 14anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti sɛ ɔnya ɔbabarima bi a hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.