Ɔsɛnkafoɔ 4:11
Ecclesiastes 4:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?
Ecclesiastes 4:11 in English
Ecclesiastes 4:11 · Berean Standard Bible
Again, if two lie down together, they will keep warm; but how can one keep warm alone?
Context
9Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,
ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani: 10Sɛ ɔbaako hwe ase a
ne yɔnko bɛtumi aboa no.
Nanso onipa a ɔhwe ase a
ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ. 11Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye? 12Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ
nanso baanu tumi pere wɔn ti.
Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm. 13Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.