Native Bible

Ecclesiastes 4:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.

Ecclesiastes 4:12 in English

Ecclesiastes 4:12 · Berean Standard Bible

And though one may be overpowered, two can resist. Moreover, a cord of three strands is not quickly broken.

Context

10Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko bɛtumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ. 11Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye? 12Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm. 13Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio. 14Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.