Ɔsɛnkafoɔ 4:14
Ecclesiastes 4:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu.
Ecclesiastes 4:14 in English
Ecclesiastes 4:14 · Berean Standard Bible
For the youth has come from the prison to the kingship, though he was born poor in his own kingdom.
Context
12Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ
nanso baanu tumi pere wɔn ti.
Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm. 13Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio. 14Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu. 15Mehunuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantee owia yi ase nyinaa dii ɔbabunu no akyi, deɛ ɔdii ɔhene no adeɛ no. 16Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.