Native Bible

Ecclesiastes 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ, ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

Ecclesiastes 4:9 in English

Ecclesiastes 4:9 · Berean Standard Bible

Two are better than one, because they have a good return for their labor.

Context

7Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase: 8Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima. Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da, nanso nʼani ansɔ nʼahonya. Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no, na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?” Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛyɛ ɔhaw kwa. 9Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ, ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani: 10Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko bɛtumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ. 11Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.