Ɔsɛnkafoɔ 4:7
Ecclesiastes 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:
Ecclesiastes 4:7 in English
Ecclesiastes 4:7 · Berean Standard Bible
Again, I saw futility under the sun.
Context
5Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne ho
na ɔsɛe ne ho. 6Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ mu
yɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho.
Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa. 7Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase: 8Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;
ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima.
Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da,
nanso nʼani ansɔ nʼahonya.
Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no,
na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?”
Yei nso yɛ ahuhudeɛ,
ɛyɛ ɔhaw kwa. 9Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,
ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.