Ɔsɛnkafoɔ 3:16
Ecclesiastes 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ: Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ, atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.
Ecclesiastes 3:16 in English
Ecclesiastes 3:16 · Berean Standard Bible
Furthermore, I saw under the sun that in the place of judgment there is wickedness, and in the place of righteousness there is wickedness.
Context
14Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no. 15Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn,
na deɛ ɛbɛba no nso aba dada;
na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo. 16Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ:
Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ,
atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ. 17Medwenee wɔ mʼakomam sɛ,
“Onyankopɔn bɛbu
teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,
ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ,
adeyɛ biara ne ne berɛ.” 18Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.