Ɔsɛnkafoɔ 3:18
Ecclesiastes 3:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa.
Ecclesiastes 3:18 in English
Ecclesiastes 3:18 · Berean Standard Bible
I said to myself, “As for the sons of men, God tests them so that they may see for themselves that they are but beasts.”
Context
16Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ:
Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ,
atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ. 17Medwenee wɔ mʼakomam sɛ,
“Onyankopɔn bɛbu
teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,
ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ,
adeyɛ biara ne ne berɛ.” 18Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ. 20Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.