Ɔsɛnkafoɔ 3:19
Ecclesiastes 3:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ.
Ecclesiastes 3:19 in English
Ecclesiastes 3:19 · Berean Standard Bible
For the fates of both men and beasts are the same: As one dies, so dies the other—they all have the same breath.* Man has no advantage over the animals, since everything is futile.
Context
17Medwenee wɔ mʼakomam sɛ,
“Onyankopɔn bɛbu
teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,
ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ,
adeyɛ biara ne ne berɛ.” 18Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ. 20Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu. 21Hwan na ɔnim sɛ onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane kɔ asase mu anaa?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.