Ɔsɛnkafoɔ 3:15
Ecclesiastes 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn, na deɛ ɛbɛba no nso aba dada; na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.
Ecclesiastes 3:15 in English
Ecclesiastes 3:15 · Berean Standard Bible
What exists has already been, and what will be has already been, for God will call to account what has passed.
Context
13Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ. 14Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no. 15Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn,
na deɛ ɛbɛba no nso aba dada;
na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo. 16Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ:
Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ,
atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ. 17Medwenee wɔ mʼakomam sɛ,
“Onyankopɔn bɛbu
teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,
ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ,
adeyɛ biara ne ne berɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.