Ɔsɛnkafoɔ 3:14
Ecclesiastes 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.
Ecclesiastes 3:14 in English
Ecclesiastes 3:14 · Berean Standard Bible
I know that everything God does endures forever; nothing can be added to it or taken from it. God does it so that they should fear Him.
Context
12Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase. 13Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ. 14Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no. 15Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn,
na deɛ ɛbɛba no nso aba dada;
na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo. 16Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ:
Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ,
atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.