Native Bible

Ecclesiastes 3:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ.

Ecclesiastes 3:13 in English

Ecclesiastes 3:13 · Berean Standard Bible

and also that every man should eat and drink and find satisfaction in all his labor—this is the gift of God.

Context

11Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase. 12Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase. 13Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ. 14Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no. 15Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn, na deɛ ɛbɛba no nso aba dada; na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.