Ɔsɛnkafoɔ 12:8
Ecclesiastes 12:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”
Ecclesiastes 12:8 in English
Ecclesiastes 12:8 · Berean Standard Bible
“Futility of futilities,” says the Teacher. “Everything is futile!”
Context
6Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,
anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ;
ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho,
anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu, 7na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ,
na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn. 8“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.
“Biribiara yɛ ahuhudeɛ!” 9Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree. 10Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.