Ɔsɛnkafoɔ 12:7
Ecclesiastes 12:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.
Ecclesiastes 12:7 in English
Ecclesiastes 12:7 · Berean Standard Bible
before the dust returns to the ground from which it came and the spirit returns to God who gave it.
Context
5ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ
ne mmɔntene so amanenyasɛm;
ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne
na abɛbɛ wea korɔ
na nkatedeɛ ho adwodwoɔ.
Afei onipa kɔ ne daa homeɛ mu
na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so. 6Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,
anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ;
ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho,
anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu, 7na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ,
na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn. 8“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.
“Biribiara yɛ ahuhudeɛ!” 9Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.