5 Mose 26:8
Deuteronomy 26:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim.
Deuteronomy 26:8 in English
Deuteronomy 26:8 · Berean Standard Bible
Then the LORD brought us out of Egypt with a mighty hand and an outstretched arm, with great terror, signs, and wonders.
Context
6Ɛberɛ a Misraimfoɔ dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, 7yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu. 8Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim. 9Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn. 10Afei, Ao Awurade, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ mʼaduanekan a wode firi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduane no si Awurade, mo Onyankopɔn, anim na sɔre no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.