Native Bible

Deuteronomy 26:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn.

Deuteronomy 26:9 in English

Deuteronomy 26:9 · Berean Standard Bible

And He brought us to this place and gave us this land, a land flowing with milk and honey.

Context

7yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu. 8Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim. 9Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn. 10Afei, Ao Awurade, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ mʼaduanekan a wode firi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduane no si Awurade, mo Onyankopɔn, anim na sɔre no. 11Afei, kɔ na kɔgye wʼani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama wo ne wo fiefoɔ no ho. Wʼanigyeɛ no mu, kae Lewifoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.