5 Mose 26:7
Deuteronomy 26:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu.
Deuteronomy 26:7 in English
Deuteronomy 26:7 · Berean Standard Bible
So we called out to the LORD, the God of our fathers; and the LORD heard our voice and saw our affliction, toil, and oppression.
Context
5Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ otutenani Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. 6Ɛberɛ a Misraimfoɔ dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, 7yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu. 8Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim. 9Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.