Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase.

Daniel 9:7 in English

Daniel 9:7 · Berean Standard Bible

To You, O Lord, belongs righteousness, but this day we are covered with shame—the men of Judah, the people of Jerusalem, and all Israel near and far, in all the countries to which You have driven us because of our unfaithfulness to You.

Context

5Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ. 6Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa. 7“Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase. 8Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. 9Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.