Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.

Daniel 9:6 in English

Daniel 9:6 · Berean Standard Bible

We have not listened to Your servants the prophets, who spoke in Your name to our kings, leaders, and fathers, and to all the people of the land.

Context

4Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa sɛ: “Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so. 5Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ. 6Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa. 7“Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase. 8Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.