Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ.

Daniel 9:5 in English

Daniel 9:5 · Berean Standard Bible

we have sinned and done wrong. We have acted wickedly and rebelled. We have turned away from Your commandments and ordinances.

Context

3Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ. 4Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa sɛ: “Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so. 5Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ. 6Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa. 7“Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.