Daniel 9:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo.
Daniel 9:8 in English
Daniel 9:8 · Berean Standard Bible
O LORD, we are covered with shame—our kings, our leaders, and our fathers—because we have sinned against You.
Context
6Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa. 7“Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase. 8Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. 9Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ. 10Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.