Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Saa nsɛm yi asekyerɛ nie: “Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ.

Daniel 5:26 in English

Daniel 5:26 · Berean Standard Bible

And this is the interpretation of the message: MENE * means that God has numbered the days of your reign and brought it to an end.

Context

24Ne saa enti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛtwerɛ nkra yi. 25“Nkra a ɛtwerɛeɛ nie: Mene, Mene, Tekel, Parsin. 26“Saa nsɛm yi asekyerɛ nie: “Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ. 27“Tekel asekyerɛ ne wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no. 28“Parsin asekyerɛ ne wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahemman mu ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.