Daniel 5:25
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nkra a ɛtwerɛeɛ nie: Mene, Mene, Tekel, Parsin.
Daniel 5:25 in English
Daniel 5:25 · Berean Standard Bible
Now this is the inscription that was written: MENE, MENE, TEKEL, PARSIN.
Context
23Wama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a ɛsisi wʼanim a wɔfa firii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitire ne wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, ɛberɛ a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua ne ɛboɔ anyame a wɔnhunu adeɛ, na wɔnnte asɛm, na wɔnnim hwee koraa no. Na moamfa anidie amma Onyankopɔn a ɔkura mo nkwa na ɔdi mo hyɛberɛ so no. 24Ne saa enti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛtwerɛ nkra yi. 25“Nkra a ɛtwerɛeɛ nie:
Mene, Mene, Tekel, Parsin. 26“Saa nsɛm yi asekyerɛ nie:
“Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ. 27“Tekel asekyerɛ ne wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.