Daniel 2:23
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi; woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me, ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.”
Daniel 2:23 in English
Daniel 2:23 · Berean Standard Bible
To You, O God of my fathers, I give thanks and praise, because You have given me wisdom and power. And now You have made known to me what we have requested, for You have made known to us the dream of the king.”
Context
21Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ;
ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so.
Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa,
na ɔma nhunumu ho nimdeɛ. 22Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi,
na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu;
hann atwa ne ho ahyia. 23Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn,
ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi;
woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me,
ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.” 24Afei, Daniel kɔhunuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ ɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne daeɛ no ase.” 25Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kaa sɛ, “Mahunu atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, daeɛ no ase.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.