Daniel 2:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi, na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu; hann atwa ne ho ahyia.
Daniel 2:22 in English
Daniel 2:22 · Berean Standard Bible
He reveals the deep and hidden things; He knows what lies in darkness, and light dwells with Him.
Context
20na ɔkaa sɛ,
“Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa,
ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. 21Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ;
ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so.
Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa,
na ɔma nhunumu ho nimdeɛ. 22Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi,
na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu;
hann atwa ne ho ahyia. 23Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn,
ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi;
woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me,
ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.” 24Afei, Daniel kɔhunuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ ɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne daeɛ no ase.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.