Daniel 2:21
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ; ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so. Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa, na ɔma nhunumu ho nimdeɛ.
Daniel 2:21 in English
Daniel 2:21 · Berean Standard Bible
He changes the times and seasons; He removes kings and establishes them. He gives wisdom to the wise and knowledge to the discerning.
Context
19Anadwo no, ɔdaa kɔkoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehunu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Onyankopɔn 20na ɔkaa sɛ,
“Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa,
ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. 21Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ;
ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so.
Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa,
na ɔma nhunumu ho nimdeɛ. 22Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi,
na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu;
hann atwa ne ho ahyia. 23Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn,
ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi;
woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me,
ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.