Daniel 2:20
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na ɔkaa sɛ, “Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.
Daniel 2:20 in English
Daniel 2:20 · Berean Standard Bible
and declared: “Blessed be the name of God forever and ever, for wisdom and power belong to Him.
Context
18Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔmmisa ɔsoro Onyankopɔn sɛ, ɔnnom wɔn nʼahummɔborɔ sɛdeɛ wɔrenkum wɔn mfra anyansafoɔ nkaeɛ a wɔwɔ Babilonia no mu. 19Anadwo no, ɔdaa kɔkoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehunu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Onyankopɔn 20na ɔkaa sɛ,
“Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa,
ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. 21Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ;
ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so.
Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa,
na ɔma nhunumu ho nimdeɛ. 22Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi,
na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu;
hann atwa ne ho ahyia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.