Amos 7:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’
Amos 7:15 in English
Amos 7:15 · Berean Standard Bible
But the LORD took me from following the flock and said to me, ‘Go, prophesy to My people Israel.’
Context
13Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.” 14Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’ 16Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ,
“ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ,
na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’ 17“Enti asɛm a Awurade ka nie:
“ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu,
wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano.
Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu,
na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu,
na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.