Amos 7:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
Amos 7:13 in English
Amos 7:13 · Berean Standard Bible
But never prophesy at Bethel again, because it is the sanctuary of the king and the temple of the kingdom.”
Context
11Deɛ Amos reka nie:
“ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano,
na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ” 12Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. 13Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.” 14Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.