Amos 7:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Amos reka nie: “ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
Amos 7:11 in English
Amos 7:11 · Berean Standard Bible
for this is what Amos has said: ‘Jeroboam will die by the sword, and Israel will surely go into exile, away from their homeland.’”
Context
9“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea
na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no;
mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.” 10Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. 11Deɛ Amos reka nie:
“ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano,
na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ” 12Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. 13Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.