Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no; mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.”
Amos 7:9 in English
Amos 7:9 · Berean Standard Bible
The high places of Isaac will be deserted, and the sanctuaries of Israel will be laid waste; and I will rise up against the house of Jeroboam with My sword.”
Context
7Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. 8Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?”
Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.”
Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio. 9“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea
na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no;
mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.” 10Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. 11Deɛ Amos reka nie:
“ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano,
na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.