Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?” Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.” Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.

Amos 7:8 in English

Amos 7:8 · Berean Standard Bible

“Amos, what do you see?” asked the LORD. “A plumb line,” I replied. “Behold,” said the Lord, “I am setting a plumb line among My people Israel; I will no longer spare them:

Context

6Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.” 7Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. 8Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?” Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.” Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio. 9“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no; mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.” 10Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.