Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Enti asɛm a Awurade ka nie: “ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano. Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

Amos 7:17 in English

Amos 7:17 · Berean Standard Bible

Therefore this is what the LORD says: ‘Your wife will become a prostitute in the city, and your sons and daughters will fall by the sword. Your land will be divided by a measuring line, and you yourself will die on pagan * soil. And Israel will surely go into exile, away from their homeland.’”

Context

15Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’ 16Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ, “ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ, na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’ 17“Enti asɛm a Awurade ka nie: “ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano. Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.