Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mesane de osutɔ kamee mo ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. Afuo baako nyaa osutɔ afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.

Amos 4:7 in English

Amos 4:7 · Berean Standard Bible

“I also withheld the rain from you when the harvest was three months away. I sent rain on one city but withheld it from another. One field received rain; another without rain withered.

Context

5Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ; Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ, na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie. 6“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 7“Mesane de osutɔ kamee mo ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. Afuo baako nyaa osutɔ afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ. 8Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 9“Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so. Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.