Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Amos 4:6 in English
Amos 4:6 · Berean Standard Bible
“I beset all your cities with cleanness of teeth * and all your towns with lack of bread, yet you did not return to Me,” declares the LORD.
Context
4“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne
na monkɔ Gilgal* na mo nkɔyɛ bɔne ara.
Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara,
na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara. 5Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ;
Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho,
na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ,
na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,”
sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie. 6“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu
na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so,
nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 7“Mesane de osutɔ kamee mo
ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru.
Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so
na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so.
Afuo baako nyaa osutɔ
afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ. 8Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo
nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom,
nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.