Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Amos 4:8 in English

Amos 4:8 · Berean Standard Bible

People staggered from city to city for water to drink, but they were not satisfied; yet you did not return to Me,” declares the LORD.

Context

6“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 7“Mesane de osutɔ kamee mo ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. Afuo baako nyaa osutɔ afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ. 8Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 9“Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so. Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 10“Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no, mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum. Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.