Amos 3:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ, “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so; Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu, na wafo wʼaban.”
Amos 3:11 in English
Amos 3:11 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the Lord GOD says: “An enemy * will surround the land; he will pull down your strongholds and plunder your citadels.”
Context
9Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban
ne Misraim aban:
“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;
hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so
ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.” 10“Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia
sie wɔ wɔn aban mu. 11Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,
“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;
Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,
na wafo wʼaban.” 12Deɛ Awurade seɛ nie:
“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye
nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin
firi gyata anom no,
saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,
wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,
ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.” 13“Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.